Jeremiah 2

Israel Pa Onyankopɔn Akyi

1 Awurade asɛm baa me so: 2“Kɔpae mu ka ma Yerusalem nte: “ ‘Mekae sɛnea wode wo ho maa me wo mmabun bere mu,
sɛnea wodɔɔ me wɔ wʼayeforo bere mu
na wudii mʼakyi wɔ sare so,
asase a wonnuaa hwee wɔ so no.

3 Na Israel yɛ kronkron ma Awurade,
ne twabere mu aduankan;
wɔn a wodii nʼani no wobuu wɔn fɔ,
na amanehunu baa wɔn so,’ ”
sɛnea Awurade, se ni.


4 Muntie Awurade asɛm, mo Yakob asefo,
mo Israel mmusuakuw nyinaa.

5Eyi ne nea Awurade se: “Mfomso bɛn na mo agyanom huu wɔ me ho a
ɛma wɔtwee wɔn ho kɔɔ akyirikyiri sɛɛ?
Wodii ahoni a wɔn so nni mfaso akyi,
maa wɔn ankasa bɛyɛɛ ahuhufo.

6 Wɔammisa se, ‘Ɛhe na Awurade wɔ?
Nea oyii yɛn fii Misraim
na ɔde yɛn faa sare wosee so,
nweatam ne abonabon asase
a awo na ayɛ owubon no.
Asase a obiara mfa so na obiara nte so no.’

7 Mede mo beduaa asasebere so
sɛ munni so nnuaba ne ɛso nnepa.
Nanso mubeguu mʼasase ho fi,
na moyɛɛ mʼagyapade akyiwade.

8 Asɔfo no ammisa se,
‘Ɛhe na Awurade wɔ?’
Wɔn a wɔde mmara yɛ adwuma no anhwehwɛ me;
ntuanofo sɔre tiaa me.
Adiyifo no de Baal hyɛɛ nkɔm,
na wodii ahoni huhuw akyi.


9 “Ɛno nti, merebɔ mo kwaadu bio,”
nea Awurade se ni.
“Na mɛbɔ mo mma mma kwaadu.

10 Muntwa nkɔ Kitim mpoano nkɔhwɛ,
monsoma nkɔ Kedar nkɔhwehwɛ mu yiye;
monhwɛ sɛ biribi a ɛte sɛɛ asi wɔ hɔ:

11 Ɔman bi asesa wɔn anyame pɛn ana?
Nso wɔnnyɛ anyame mpo.
Nanso me nkurɔfo de wɔn anuonyam
asesa ahoni huhuw.

12 Mo ɔsorosoro, momma mo ho nnwiriw mo wɔ eyi ho,
na mo ho nwosow wɔ akomatu mu,”
nea Awurade se ni.

13 “Me nkurɔfo ayɛ bɔne ahorow abien:
Wɔapa me,
me a meyɛ nkwa asubura no,
na wɔatutu wɔn ankasa mmura amoa,
mmura a apaapae a entumi nkora nsu.

14 Israel yɛ akoa anaa ɔsomfo fi awo mu ana?
Adɛn nti na wayɛ asade yi?

15 Gyata abobɔ mu;
wɔaworo so akyerɛ no.
Wɔama nʼasase ada mpan;
wɔahyehyew ne nkurow ayɛ no amamfo.

16 Afei Memfis ne Tapanhes mmarima
ayi wo ti so nwi.

17 Ɛnyɛ wo na woama eyi aba wo so
sɛ wopaa Awurade wo Nyankopɔn akyi,
wɔ bere a ɔrekyerɛ wo kwan no?

18 Afei adɛn nti na wokɔ Misraim
kɔnom Sihor mu nsu?
Na adɛn nti na wokɔ Asiria
kɔnom Asubɔnten no mu nsu?

19 Wo amumɔyɛ bɛtwe wʼaso;
wo nsanakyi bɛka wʼanim.
Enti dwene ho na hu sɛ,
sɛ wopa Awurade wo Nyankopɔn akyi
na woannya ne ho suro a,
ɛyɛ bɔne ne ɔyaw ma wo.”
Awurade, Asafo Awurade na ose.


20 “Tete mmere no, wububuu wo konnua mu,
na wotetew wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu;
na wokae se, ‘Merensom wo!’
Ampa, wɔ koko biara so
ne dua biara a adennan ase
na wotena bɔɔ aguaman.

21 Miduaa wo sɛ bobe ankasa
a efi bobe a ase ye pa ara mu.
Na ɛyɛɛ dɛn na wodan wʼakyi kyerɛɛ me
bɛyɛɛ bobe a anyin asɛe wɔ wura mu yi?

22 Sɛ wode soda
ne samina bebree guare mpo a,
wʼafɔdi nkekae da so wɔ mʼanim ara,”
sɛnea Otumfo Awurade se ni.

23 “Ɛbɛyɛ dɛn na woaka se, ‘Me ho nguu fi ɛ;
minnii Baalnom akyi ɛ’?
Hwɛ sɛnea woyɛɛ wo ho wɔ obon no mu;
dwene nea woayɛ no ho.
Woyɛ yomabere hoɔharefo
a wutu mmirika kɔ ha ba ha,

24 wura mu afurum a nweatam so tena akokwaw no,
ohuahua bere a ɔpɛ sɛ onini hyia no.
Sɛ nʼakɔnnɔ no ano yɛ den a hena na obesianka no?
Anini biara a wɔtaa no no nhaw wɔn ho bebree;
edu bere a ɛsɛ sɛ wohyia no a wobenya no.

25 Ntu mmirika nkosi sɛ wʼanan ase bɛyɛ kwaterekwa,
na wo mene mu bɛyow.
Nanso wokae se, ‘So nni mfaso!
Mepɛ ananafo anyame,
na ɛsɛ sɛ midi wɔn akyi.’


26 “Sɛnea wɔkyere ɔkorɔmfo a wogu nʼanim ase no,
saa na wɔagu Israelfi anim ase,
wɔn ankasa, wɔn ahemfo ne wɔn adwumayɛfo,
wɔn asɔfo ne wɔn adiyifo.

27 Wɔka kyerɛ dua se, ‘Woyɛ mʼagya,’
ne ɔbo se, ‘Wo na wowoo me.’
Wɔadan wɔn akyi akyerɛ me
na ɛnyɛ wɔn anim;
nanso sɛ amanehunu bi ba wɔn so a, wɔka se,
‘Bra begye yɛn!’

28 Anyame a moyɛ maa mo ho no wɔ he?
Momma wɔmmra sɛ wobetumi agye mo
bere a mowɔ amanehunu mu!
Efisɛ mowɔ anyame bebree
te sɛ nea mowɔ nkurow bebree no, Yuda.


29 “Adɛn nti na mobɔ me sobo?
Mo nyinaa ayɛ dɔm atia me,”
Awurade na ose.

30 “Metwee mo nkurɔfo aso kwa;
wɔamfa me nteɛso.
Wʼafoa akunkum wʼadiyifo
te sɛ gyata a nʼani abere.

31“Mo nnɛmmafo, munnwen Awurade asɛm ho: “Mayɛ sɛ, nweatam ama Israel ana?
Anaasɛ asase a so aduru sum kabii ana?
Adɛn nti na me nkurɔfo ka se, ‘Yɛwɔ ho kwan sɛ yekyinkyin;
yɛremma wo nkyɛn bio.’

32 Ɔbabun werɛ fi ne mpempranne,
ayeforo werɛ befi nʼahyehyɛde ana?
Nanso me nkurɔfo werɛ afi me
nna a wontumi nkan.

33 Hwɛ nyansa a mowɔ de pɛ mo adɔfo!
Mmea a wɔnsɛ hwee koraa tumi sua mo akwan.

34 Mo adurade mu wɔ
ahiafo a wodi bem mogya,
nanso moankyere wɔn sɛ wɔrebubu akɔ mu.
Eyinom nyinaa akyi

35 woka se, ‘Midi bem;
ne bo mfuw me.’
Nanso mebu wo atɛn
efisɛ woka se, ‘Menyɛɛ bɔne biara ɛ.’

36 Adɛn nti na wukyinkyin sɛɛ,
sesa wʼakwan?
Misraim bedi wo huammɔ
sɛnea Asiria yɛe no.

37 Afei wubefi saa beae hɔ
a wo nsa gu wo ti so.
Efisɛ Awurade apo wɔn a wode wo ho too wɔn so no;
wɔremmoa wo.

Copyright information for TwiAKNA